Proverbs 7

Ɔbeawaresɛefo Ho Kɔkɔbɔ


1 Me ba, fa me nsɛm sie
na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.

2 Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa;
bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.

3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;
kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.

4 Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,”
na frɛ ntease wo busuani;

5 Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho,
afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.


6 Me fi mfɛnsere ano,
mede mʼani faa mfɛnsere mu.

7 Mihuu wɔ ntetekwaafo mu,
mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow,
ɔbabun a onni adwene.

8 Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so
a nʼani kyerɛ ɔbea no fi

9 bere a onwini redwo,
na anim rebiribiri no.


10 Afei ɔbea bi fi behyiaa no a
wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.

11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,
ɔntena fie koraa;

12 nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea,
ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)

13 Osoo ne mu few nʼano,
wamfɛre, na ɔkae se,


14 “Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie;
nnɛ madi me bɔhyɛ so.

15 Enti mebae sɛ merebehyia wo;
mehwehwɛɛ wo na mahu wo!

16 Mato me mpa,
mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.

17 Mede nnuhuam apete me mpa so:
kurobow, pɛprɛ ne dupapo.
18Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;

19 Me kunu nni fie;
watu kwan na ɔbɛkyɛ.

20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma
na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”


21 Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa;
ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.

22 Odii nʼakyi prɛko pɛ
te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii,
anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu

23 kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu,
te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu
na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.


24 Na afei, me mma, muntie me;
monyɛ aso mma nea meka.

25 Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so
na momman mmfa nʼakwan so.

26 Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase;
wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27 Ne fi yɛ ɔda tempɔn a
ɛkɔ owu pia mu.
Copyright information for TwiAKNA